Saturday, October 28, 2017

2017 WEEK 44 ASANTE TWI

2017 PENTECOST ASƆRE MU BIBLE ADESUA

*NNAWƆTWE 44*
*ƆDƆ, AHYƐDEƐ FOFORƆ*

TWERƐSƐM TITIRE: Yoh 13:34-35
SUA GU WO TIRIM: “Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho” -Yohane 13:34

NNIANIM
Kristofoɔ dodoɔ no ara no, yɛbɛdɔ yɛn yɔnkonom sɛ yɛn ho, (Mat 22:39) no yɛ adeyɛ a ne yɛ yɛ den kakra ma yɛn. Ansa na yɛn Wura Yesu rebewu no, ɔtwee n’akyidifoɔ no adwene sii ɔdɔ foforɔ so. Saa nkyerɛkyerɛ no mu no  ɔkyerɛɛ sɛ, sɛdeɛ wopɛ sɛ wo yɔnko yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara na emom dɔ wo yɔnko sɛdeɛ Kristo dɔ no no. Romafoɔ 5:8 kyerɛ sɛ, “Na Onyankopɔn yii ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn”. Yei yi mfonini bi adi kyerɛ yɛn wɔ ɔdɔ a Kristo wɔ wɔ Asɔre no ho no.

NSUSUHO
1. Ahyɛdeɛ foforɔ bɛn na Yesu de maa n’asuafoɔ no? Nsonoeɛ bɛn na ɛda ɛno ne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” mu ? Nky: 34
2. Wote , “mo ho mo ho” ase sɛn? Nky: 34
3. Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde dɔ yɛn ho? Nky 34
4. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa nyinaa ahunu sɛ wo yɛ Yesu suani? Nky: 35
5. Ɔdɔ bɛn na Yesu de adɔ wo? Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ada saa ɔdɔ no bi adi akyerɛ afoforɔ?

AWIEEƐ
Ɔdɔ yɛ adeyɛ. Obiara ntumi nyi nokorɛ dɔ a emu dɔ sene deɛ Yesu ayɛ ama nnipa no adi. Ɔyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifo nyinaa sɛ wɔn nso nyi ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn ho ne afoforɔ nyinaa. Yɛbɛdɔ afoforɔ sɛdeɛ yɛpɛ sɛ wɔ dɔ yɛn no nyɛ adeyɛ a ɛyɛ den bebree, nanso yɛbɛdɔ afoforɔ sɛdeɛ Kristo yɛe no de ɛyɛ adeyɛ a ne yɛ yɛ den kakra; yɛbɛkɔ so ayi ɔdɔ adi akyerɛ saa onua barima anaa onua baa debɔneyɛni no, yɛbɛkɔ so ayi ɔdɔ adi akyerɛ obusuani bi a ɔmmfa obuo biara mma yɛn anaa yɛbɛkɔ so ayi ɔdɔ adi akyerɛ yɛn nnanfonom a yɛne wɔn wɔ nnwuma mu a wɔmpɛ yɛn asɛm no, yei ne ɔdɔ a Yesu kaa ho asɛm no. Ɛno ne ɔdɔ a yɛn Agyenkwa no hwehwɛ afiri yɛn nkyɛn. Yesu ma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduane, ɔsaa ayarefoɔ yareɛ, ɔnyanee awufoɔ, ɔtuu ahohommɔne  na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔanya biribiara amfiri wɔn nkyɛn. Ɛsɛ sɛ yedi yɛn Wura no anammɔn akyi.

No comments:

Post a Comment