Wednesday, November 25, 2015

NNAWƆTWE A ƐTƆ SO NAN OBUBUO 2015


NNAWƆTWE 47 – ƐDEƐN NA ƐWƆ ASƐMPA NO MU?

Twerεsεm Titire: 1 Korintofoɔ 15 :1-4
Sua Go Wo Tirim: 1 Korintofoɔ 15:3

NNIANIMU
Asεm baako a agyedifoɔɔ de yiyi wɔn ho ano  sε wɔntumi nka asεmpa no  ne sε, “Mennim deε εsε sε meka.” Kasafua “Gospel” aseε ne asεmpa. Yei nkyerεaseε pefee ne bɔnefakyε a εnam Yesu  Kristo mpatawuo so ba. Ɛyε Onyankopɔn nhyehyεeεε pa a Ɔnam so regye wɔn a wɔde wɔn werε bεhyε ne ba a Ɔwoo no koro no mu sεdeε εbεyε a ɔne Onyankopɔn a Ɔyε pε na Ɔyε kronkron bεnya nkakom. Twerε Kronkron da nnoɔma pa a εwɔ saa nkwagyeε asεm yi mu adi pefee kyerε yεn. Nsεm titire a εwɔ asεmpa no mu ne onipa bɔnesu, ɔgyeε a εnam Onyankopɔn ba Yesu Kristo wuo ne ne wusɔreε so ba, nsa a wato nsa afrε wɔn a wɔgye di nyinaa εne daa nkwa ho bɔhyε. (Yohane 3:16)

NSUSUHO
1. Nnipa a wɔnni Kristo no gyinabea te sεn? (Rom 3:23)
2. Asotwe bεn na εwɔ ma wɔn a wɔnnye Kristo nnie? (Rom 6:3)
3. Ɛdeεn na εkanyan Yesu maa ɔbaa asase yi so? (Yoh 3:16)
4. Deεbεn na Yesu yε ma yεn yεn bɔne ho. (1Kor 15:3)
5. Ɛdeεn na εma Yesu di muɔbεwu ama yεn bɔne? ( 1 Pet 2:21-24)
6. Ɛdeεn na εtoo Yesu nansa akyire no? (1 Kor 15:4)
7. Ɛdeεn na nipa nyinaa nyε ansa na wɔagye wɔn nkwa. ( Yoh 1:12; 3:16, Asamafo 16:32)

AWIEEƐ
Sε obi bεnya nkwa a, εsε sε ɔgye to mu sε ɔyε ɔdebɔneyεni na ɔntumi nnye ne ho, ɔgye to mu sε Yesu wuu wɔ asεnnua no so na ɔpae mu ka sε Yesu yε n’Awurade ne n’Agyenkwa berε a ɔto ne nsa ferε Yesu sε ɔmmεtena n’akoma mu. Yei ne asεm a εsε sε yεde kɔ wiase de kɔma nnipa nyinaa. Ɛnyε asεm a εyε den na mmom εyε asεm a εmu da hɔ. Yesu ahyε wo bɔ sε Ɔbεka wo ho asεmpa ka yi mu. Wonyε ankonam.

No comments:

Post a Comment