Saturday, April 18, 2015

Nnawɔtwe 16. Nsiyɛ

Nnawɔtwe 16 – ɔhwɛfo pa su II – Nsiyɛ

Adesua Titire: Gyenesis 26:17-24
Sua Gu Wo Tirim: 2 Tesalonikafoɔ 3:11-12  “Na yεteebinom a wɔnenam basabasa  mo mu, na wɔnyε adwuma, na mmom wɔyε tεretεre. Na wɔn a wɔte saa no, yεhyε wɔn tu fo, yεn  Awurade Yesu Kristo mu, sε wɔnyε adwuma komm mfa mpε wɔn ano aduane.”

NNIANIMU
Ɔɔhwεfo pa yε Nsiyε ne odwumayεfoɔ.  Bible no tu yεn fo sε yεmfa adwumaden mpε yεn ano aduane. Nokorεm Onyankopɔn hyεε Adam berε a ɔde no tenaa turo no mu no sε ɔnnɔ na ɔnwεn hɔ (Gyenesis2:15). Adwumaden hia wɔ yεn abrabɔ mu nyinaa.

Onyankopɔn hwεhwε onipa biara sε ɔbεfa adwumaden na ɔnam so ahwε asase nnepa  a ɔde ahyε yεn nsa no yie. Ahwεsofoɔ pa nnyε anihafoɔ, wɔbɔ wɔn ho so yε adwumaden de siesie wɔn ho twεn wɔn wura kɔpem sε ɔbεba.

Wɔ yεn adesua a edi so mu no, yɛhunuu Isak a ɔne nkoa tuu abura mmiεnsa sε εbεyε a wɔbεnya nsuo daa. Ahwεsofoɔ pa wɔn ho mmɔdenadwuma, de siesie wɔn ho twεn  wɔn wura. Akristofoɔ nyinaa wura a yεretwεn no ne yεn Awurade Yesu Kristo.

NSUSUHO
Ɛ1. ɛhe na Isak tu kɔtenaeε? Gyenesis 26:17.
2. Deεn na Isak yε faa ne papa mmura no ho? Gyenesis 26:18
3. Mprε dodoɔ sεn na Isak nkoa no tuu mmura no? Gyenesis 26:22
4. Ahosiesie bεn na Isak yε de hyiaa Awurade? Gyenesis 26:24

Awieeɛ
Akristofoɔ anihafoɔ yε ahwεsofoɔ ahiafoɔ. Onyansani Solomon ka wɔ Mmebusεm 18:9 sε, “Deε ɔtoto n’adwuma ase no, ɔdesεefoɔ ma ne no.”  Yεhunu wɔ yεn adesua yi mu sε Isak ahwεsofoɔ no nso de aniεden tutu mmura pii tiaa ne deε no . Sε εnyε adwumaden a anka wotuu baako anaa mmienu no anka wɔbεgyae, nanso wɔnam nsi ne anem yε so tuu deε εtɔ so mmiεsa a obiara ne wɔn ampere so bio.

Sε woyε aban adwuma , ankorankorε bi anaa w’ankasa w’adwuma no, εsε sε wohunu sε, woyε ɔhwεsofo pa. Bɔ mmɔden sε wobεfa akwannya a εda hɔ ma wo no so na woayε bi ama aboro soɔ. Ehia sε yεn nyinaa bεfa adwumaden honhom sε ahwεsofoɔ pa ama yεn Awurade.

No comments:

Post a Comment