Saturday, March 21, 2015

BIBLE STUDY 2015 MARCH WEEK FOUR LESSON IN TWI

NNAWOTWE 12 – ƆKwan a Onyankopɔn Fa So Kyekyɛ Talɛnte

Twerεsεm Titire: Numeri 11:24-27
Sua Gu Wo Tirim: Romanfoɔ 12:6 “Na yεwowɔ ɔdom ahyεdeε a εsonsono, sεdeε ɔdom a wɔde adom yεn no teε. Sε εyε nkɔmhyε a, ma εmfata gyedie nsusuiε

NNIANIMU
Twerεsεm no ka no pefee mprε pii sε Onyankopɔn na ɔbεfiri aseε de akyεdeε no ama yεn. Sε Honhom Kronkron wo obi foforɔ a, saa onua no nsa ka Honhom Kronkron akyεdeε a  efiri Onyankopɔn nkyεn. Sε Honhom Kronkron bɔ saa onua no asu a, ɔde ahyεdeε foforɔ nso ma no. Ɛɛno na εboa saa onua no ma otumi di dwuma soronko wɔ asɔre no mu ne Onyankopɔn ahennie no mu nyinaa.

Bio nso obi nsa tumi ka saa akyεdeε yi bi berε a wɔde dwumadie pɔtee bi ahyε ne nsa. Deε εsε sε yεte aseε ne sε yεn wura no de akyεdeε (talεnte) ama yεn .
Yεn Twerεsεm Titire no kyerε yεn sε Onyankopɔn yi nkɔmhyε honhom no friii Mose so na ɔde guu mpanimfoɔ aduɔsɔn no so maa wɔhyεε nkɔm mpofirim mma wɔne Mose kyεε ne dwumadie no.

NSUSUHO
1. Mpanimfoɔ ahe na Mose frεε wɔn? Numeri 11:24
2. Deεn na Onyankopɔn yεε mpanimfoɔ aduɔsɔn no? Numeri 11:25
3. Deεn na εbaa mpanimfoɔ aduɔsɔn no so berε a Onyankopɔn honhom no baa wɔn soɔ no?
4. Na Eldad ne Medad wɔ hefa? Numeri 11:26
5. Kwan bεn bio na Onyankopɔn fa so de n’ahyεdeε ma ? 2 Timoteo 1:6.
6. Wo wɔ akyεdeε? ƆKwan bεn so na wofaeε a wo nsa kaeε?
7. Wohunu w’akyεdeε no sεn?

Awieeɛ
Onyankopɔn akyεdeε ne adeε a εtumi de obi si hɔ ma ɔdi dwuma soronko bi wɔ n’asɔre mu na esiesie saa onua no ma dwumadie pɔtee bi ma Onyankopɔn adwuma kɔ so.

Nyε sε honam fam nko na ahyεdeε no da ne ho adi anaa εbεba obi so. Yεn adesua no do no adi pefee sε Onyankopɔn honhom baa Israel mpanimfoɔ bi so na wɔboaa Mose wɔ ne dwumadie mu wɔ berε a odi wɔn anim no. Sεdeε yεasua dada no, Kristoni biara wɔ Onyankopɔn ahyεdeε (Talεnte). Onyankopɔn na ɔde kyε, na ebi nso nam nsa a mpanimfoɔ de gu yεn soɔ no so na εba.

No comments:

Post a Comment