Sunday, February 1, 2015

2015 Nnawɔtwe 6- Hwɛfodwuma 1 (Deɛn ne Hwɛfodwuma?)

Twerεsεm Titire: Gyenesis 24:1-9
Sua Gu Wo Tirim: Nnwom: 24:1
“Asaase ne n’ade dodoɔ yε Awurade dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no nso nyinaa”

NNIANIMU
ƆƆɔhwεfo dwuma ne sε wɔde ade a ne bo yε den bεhyε wo nsa na wahwε so, abɔ ho ban sε εbεyε a ade no rensεeε. Ɔhwεfo yε obi a ɔhwε onipa foforɔ bi adeɛ so ma no. ɔwɔ gyedie wɔ ne wura no mu. Ahwεfo nyinaa yε nkoa. Wɔsom wɔ afoforɔ bi botaeε ho. Ahwεfo pa biara kyεn nkoa. Wɔnyε nkoa bio na emom wɔyε akannifoɔ a gyedie wɔ wɔn mu a wɔhwε ofie panin agyapadeε a εsom bo so. Ahwεfoɔ pii taa yε nkoa. Onyankopɔn ahwεfoɔ nyε ɔsom adwuma nkotoo na emom wodi afoforɔ anim sε nkoa. Twerεsεm titire no daa no adi pefee sε na Eliasar yε Abraham hwεfoɔ a ɔmaa no ahyεdeε sε ɔnhwehwε ɔyere mma ne ba Isaak. Abraham hunuu sε, sε Eliasar anya ɔyere pa amma ne ba Isaak a, Isaak awareε no renyε awareε pa biara.

NSUSUHO
1. Na Eliasar suban te sεn? Gyenesis 24:2
2. Deεn na εmaa Eliasar yεε akoa a ɔkyεn so?
3. Ɔkwan bεn so na Eliaser fa daa nokorε-di adi kyerεɛ Abraham. Gyenesis 24:3
4. Ɔkwan bεn so na Eliaser fa bɔɔ ne ho mmɔden sε ɔbεsɔ ne wura ani? Gyenesis 24:5
5. Adεn nti na Abraham de Eliaser dii ne nkoa a aka no anim?
6. Na Eliaser ahofama te sεn wɔ ne wura Abraham anim?
7. W’ahofama te sεn wɔ w’akannie adwuma wɔ mpanimfoɔ anim?

AWIEEɛ
Akristofoɔ pii ani gye ho sε wɔbεyε nkoa. Sεdeε yεsua no ahwεfoɔ pa biara kyεn sε ɔbεyε akoa. Wabεyε obi a ne wura anya ne mu gyedie na ɔde n’agyapadeɛ a εsom bo ahyε ne nsa. Na nkoa pii wɔ Abraham fie nanso Eliaser bεyεε obi a Abraham nyaaa ne mu gyedie de nnoɔma a εsom bo pii wɔ ne fie hyεε ne nsa, εmpo ɔde ne ba Isaak awareεε a na εsom ne bo hyεε ne nsa. Ɔɔde ahofama ne nokorεdie yεε ne nnwuma sɛdeε na ne wura hwε kwan no ara pε. Yei ne deε wɔhwε kwan afiri ɔhwεfoɔ pa biara hɔ.

No comments:

Post a Comment